Native Bible

John 21:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.”

John 21:15 in English

John 21:15 · Berean Standard Bible

When they had finished eating, Jesus asked Simon Peter, “Simon son of John, do you love Me more than these?” “Yes, Lord,” he answered, “You know I love You.” Jesus replied, “Feed My lambs.”

Context

13Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. 14Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no. 15Wɔdidi wieeɛ no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me sene sɛdeɛ yeinom dɔ me no anaa?” Petro buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwammaa.” 16Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro sane buaa sɛ, “Aane, Awurade, wonim sɛ medɔ wo.” Yesu sane ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ me nnwan.” 17Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhoɔ sɛ Yesu abisa no saa asɛm korɔ no ara mprɛnsa. Enti, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, wonim biribiara, na wonim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛne me nnwan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.