Native Bible

John 20:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”).

John 20:16 in English

John 20:16 · Berean Standard Bible

Jesus said to her, “Mary.” She turned and said to Him in Hebrew,* “Rabboni!” (which means “Teacher”).

Context

14Afei, ɔtwaa nʼani hwɛɛ nʼakyi na ɔhunuu sɛ na obi gyina hɔ a ɛyɛ Yesu, nanso na ɔnnim sɛ ɛyɛ ɔno. 15Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?” Na Maria deɛ ɔsusu sɛ ɛyɛ turom hɔ hwɛfoɔ enti, ɔbisaa no sɛ, “Owura, sɛ wo na wofaa no firii ha a, mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wode no akɔto na menkɔfa no.” 16Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!” Maria twaa nʼani hwɛɛ no na ɔgyee so wɔ Hebri kasa mu sɛ, “Rabuni!” (a aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ”). 17Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.” 18Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.