Native Bible

John 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada.

John 15:3 in English

John 15:3 · Berean Standard Bible

You are already clean because of the word I have spoken to you.

Context

1“Mene nokorɛ bobe no, na mʼAgya ne okuafoɔ no. 2Dua aban biara a ɛnso aba no, ɔtwa twene, na dua aban biara a ɛso no, ɔyiyi ho na aso aba bebree. 3Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho ate dada. 4Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dua aban biara ankasa rentumi nso aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nso aba gye sɛ mote me mu. 5“Mene bobe no; na mone dua aban no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no bɛso aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.