Yohane 11:28
John 11:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
John 11:28 in English
John 11:28 · Berean Standard Bible
After Martha had said this, she went back and called her sister Mary aside to tell her, “The Teacher is here and is asking for you.”
Context
26Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” 27Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.” 28Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.” 29Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. 30Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase hɔ. Na ɔda so wɔ faako a Marta hyiaa no hɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.