Yohane 11:26
John 11:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?”
John 11:26 in English
John 11:26 · Berean Standard Bible
And everyone who lives and believes in Me will never die. Do you believe this?”
Context
24Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.” 25Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?” 27Marta buaa sɛ, “Awurade, megye medi. Megye medi sɛ wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no.” 28Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.