Yohane 11:23
John 11:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.”
John 11:23 in English
John 11:23 · Berean Standard Bible
“Your brother will rise again,” Jesus told her.
Context
21Marta ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ao, Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22Menim mpo sɛ saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn sɛ ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ.” 23Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo nua no bɛsane anya nkwa bio.” 24Marta buaa no sɛ, “Awurade, menim sɛ owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre.” 25Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, sɛ wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.