Native Bible

John 11:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu;

John 11:14 in English

John 11:14 · Berean Standard Bible

So Jesus told them plainly, “Lazarus is dead,

Context

12Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.” 13Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada. 14Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu; 15nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.” 16Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no sɛ, “Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.