Yohane 11:13
John 11:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada.
John 11:13 in English
John 11:13 · Berean Standard Bible
They thought that Jesus was talking about actual sleep, but He was speaking about the death of Lazarus.
Context
11Yesu sane kaa sɛ, “Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no.” 12Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, sɛ wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no.” 13Na Yesu kyerɛ sɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu sɛ nna ara na wada. 14Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee sɛ, “Lasaro awu; 15nanso mo enti, ɛyɛ me anigye sɛ na menni hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.