Native Bible

John 10:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no.

John 10:31 in English

John 10:31 · Berean Standard Bible

At this, the Jews again picked up stones to stone Him.

Context

29MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 30Me ne Agya no yɛ baako.” 31Yudafoɔ no sane tasee aboɔ sɛ anka wɔde rebɛsi no. 32Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mayɛ nnwuma pa pii a Agya no de hyɛɛ me nsa sɛ menyɛ no ama moahunu, na emu deɛ ɛwɔ he ho enti na mopɛ sɛ mosi me aboɔ yi?” 33Yudafoɔ no buaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo nnwuma pa bi a woayɛ no enti na yɛpɛ sɛ yɛsi wo aboɔ, na mmom, wʼabususɛm a wokaeɛ no enti. Woyɛ onipa dasani nso woyɛ wo ho sɛ Onyankopɔn!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.