Native Bible

John 10:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi.

John 10:27 in English

John 10:27 · Berean Standard Bible

My sheep listen to My voice; I know them, and they follow Me.

Context

25Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada, nanso monnnye me nni. Me nnwuma a menam mʼAgya tumi mu yɛ no di me ho adanseɛ, 26nanso monnnye nni, ɛfiri sɛ, monnyɛ me nnwan. 27Me nnwan te me nne, me nso menim wɔn na wɔdi mʼakyi. 28Mema wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ a wɔrenwu da, na obi rentumi nnye wɔn mfiri me nsam. 29MʼAgya a ɔde wɔn maa me no wɔ tumi sene obiara, na obiara rentumi nnye wɔn mfiri me nsam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.