Yohane 10:2
John 10:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no.
John 10:2 in English
John 10:2 · Berean Standard Bible
But the one who enters by the gate is the shepherd of the sheep.
Context
1“Mereka nokorɛ akyerɛ mo, onipa biara a ɔmfa nnwammuo ɛkwan ano na ɔforo kɔ mu no yɛ owifoɔ. 2Onipa a ɔfa ɛkwan ano kɔ mu no ne odwanhwɛfoɔ no. 3Ɛpono no anohwɛfoɔ no bue ɛpono no ma no, na sɛ ɔfrɛ nnwan no nso a, wɔte ne nne ma ɔde wɔn firi adi. 4Sɛ ɔde wɔn firi adi a, ɔdi nnwan no anim na nnwan no nso di nʼakyi, ɛfiri sɛ, wɔte ne nne.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.