Yohane 1:36
John 1:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!”
John 1:36 in English
John 1:36 · Berean Standard Bible
When he saw Jesus walking by, he said, “Look, the Lamb of God!”
Context
34Mahunu yeinom nyinaa sɛ aba mu na medi ho adanseɛ sɛ yei ne Onyankopɔn Ba no.” 35Adeɛ kyeeɛ a Yohane ne nʼasuafoɔ no mu baanu gyina baabi no, wɔhunuu sɛ Yesu retwam. 36Yohane hwɛɛ no, kaa sɛ, “Yei ne Onyankopɔn Dwammaa no!” 37Asuafoɔ baanu no tee deɛ ɔkaeɛ no, wɔkɔdii Yesu akyi. 38Yesu twaa nʼani hunu sɛ wɔdi nʼakyi no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na morehwehwɛ?”
Wɔn nso bisaa no sɛ, “Rabi” (a ne nkyerɛaseɛ ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ), “ɛhe na wote?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.