Yeremia 9:22
Jeremiah 9:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ, “ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ te sɛ sumina a ɛgugu petee mu, te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi a obiara mmoaboaa ano.’ ”
Jeremiah 9:22 in English
Jeremiah 9:22 · Berean Standard Bible
Declare that this is what the LORD says: “The corpses of men will fall like dung upon the open field, like newly cut grain behind the reaper, with no one to gather it.”
Context
20Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.
Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ. 21Owuo aforo afa yɛn mpomma mu
ahyɛne yɛn aban mu;
apamo mmɔfra afiri mmɔntene so
ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem. 22Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,
“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ
te sɛ sumina a ɛgugu petee mu,
te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi
a obiara mmoaboaa ano.’ ” 23Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho. 24Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,
na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so
ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.