Yeremia 52:22
Jeremiah 52:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no.
Jeremiah 52:22 in English
Jeremiah 52:22 · Berean Standard Bible
The bronze capital atop one pillar was five cubits high,* with a network of bronze pomegranates all around. The second pillar, with its pomegranates, was similar.
Context
20Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. 21Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan. 22Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha. 24Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.