Yeremia 52:2
Jeremiah 52:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no.
Jeremiah 52:2 in English
Jeremiah 52:2 · Berean Standard Bible
And Zedekiah did evil in the sight of the LORD, just as Jehoiakim had done.
Context
1Sedekia dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu baako. Ɔdii adeɛ wɔ Yerusalem mfirinhyia dubaako. Na ne maame din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia babaa a ɔfiri Libna. 2Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ Yehoiakim yɛeɛ no. 3Awurade abufuo enti na yeinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyire no, ɔyii nʼani firii wɔn so.
Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene. 4Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.