Yeremia 51:40
Jeremiah 51:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mede wɔn bɛba te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn, te sɛ, nnwennini ne mpapo.
Jeremiah 51:40 in English
Jeremiah 51:40 · Berean Standard Bible
I will bring them down like lambs to the slaughter, like rams with male goats.
Context
38Ne nkurɔfoɔ nyinaa bobom sɛ agyata,
wɔpɔ so te sɛ agyata mma. 39Nanso ɛberɛ a wɔahwanyane wɔn ho no
mɛto ɛpono ama wɔn
na mama wɔaboboro nsã
sɛdeɛ wɔde nteateam bɛdi ahurisie,
na wɔadeda a wɔrennyane bio,”
Awurade na ɔseɛ. 40“Mede wɔn bɛba
te sɛ nnwammaa a wɔrekɔkum wɔn,
te sɛ, nnwennini ne mpapo. 41“Wɔbɛfa Sesak,
Sesak a agye asase nyinaa ayɛyie no!
Babilonia bɛyɛ ahodwiredeɛ
wɔ amanaman no mu! 42Ɛpo bɛbunkam afa Babilonia so;
na nʼasorɔkye bɛkata ne so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.