Yeremia 48:28
Jeremiah 48:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu, mo a motete Moab. Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo wɔ ɔbodan ano.
Jeremiah 48:28 in English
Jeremiah 48:28 · Berean Standard Bible
Abandon the towns and settle among the rocks, O dwellers of Moab! Be like a dove that nests at the mouth of a cave.
Context
26“Momma no mmoro nsã,
ɛfiri sɛ wabu Awurade animtia.
Momma Moab nyantam wɔ ne feɛ mu;
momma no nyɛ fɛdideɛ. 27Ɛnyɛ Israel na na ɔyɛ mo fɛdideɛ?
Wɔkyeree no akorɔmfoɔ mu anaa,
a enti mowoso mo ti animtiabuo so
ɛberɛ biara a mobɛka ne ho asɛm? 28Monfifiri mo nkuro so nkɔtena abotan mu,
mo a motete Moab.
Monyɛ sɛ aborɔnoma a ɔyɛ ne pirebuo
wɔ ɔbodan ano. 29“Yɛate Moab ahantan no
nʼahomasoɔ ne gye a ɔgye ne ho di mmorosoɔ;
nʼahantan ne nʼahomasoɔ,
ne nʼakoma mu ahohoahoa. 30Menim nʼasoɔden nanso ɛyɛ ɔkwa,”
Awurade na ɔseɛ,
“na nʼahohoahoa mfa hwee mma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.