Yeremia 47:5
Jeremiah 47:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo; wɔbɛma Askelon atɔre mum. Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so, mobɛsu akɔsi da bɛn?
Jeremiah 47:5 in English
Jeremiah 47:5 · Berean Standard Bible
The people of Gaza will shave their heads in mourning; Ashkelon will be silenced. O remnant of their valley,* how long will you gash yourself?
Context
3ɛberɛ a wɔate apɔnkɔ a wɔdi mmirika no nan ase nnyegyeɛ,
na wɔate atamfoɔ no nteaseɛnam gyegyeegye
ne wɔn ntwahonan nnyegyeɛ.
Agyanom rentwa wɔn ani nhwɛ wɔn mma;
wɔn nsa bɛsensɛn wɔn ho kwa. 4Na ɛda no aba
sɛ wɔsɛe Filistifoɔ no nyinaa
na wɔtwa wɔn a wɔaka no nyinaa gu,
wɔn a anka wɔtumi boa Tiro ne Sidon no.
Awurade rebɛsɛe Filistifoɔ no,
nkaeɛfoɔ a wɔfiri Kreta mpoano no. 5Gasa bɛbɔ tikwa ɛberɛ a ɔretwa adwo;
wɔbɛma Askelon atɔre mum.
Ao nkaeɛfoɔ a mowɔ tata so,
mobɛsu akɔsi da bɛn? 6“Mosu sɛ, ‘Aa Awurade akofena,
da bɛn na wobɛhome?
Sane kɔhyɛ wo bɔha mu;
gyae na da dinn.’ 7Na ɛbɛyɛ dɛn na ada dinn
ɛberɛ a Awurade ahyɛ no sɛ
ɔnkoto nhyɛ Askelon ne mpoano no so?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.