Yeremia 39:12
Jeremiah 39:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.”
Jeremiah 39:12 in English
Jeremiah 39:12 · Berean Standard Bible
“Take him, look after him, and do not let any harm come to him; do for him whatever he says.”
Context
10Nanso, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano no gyaa ahiafoɔ wɔnni hwee no mu bi wɔ Yuda asase so, na saa ɛberɛ no ɔmaa wɔn bobe nturo ne nsase. 11Na Babiloniahene Nebukadnessar afa ɔsahene Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no so ama saa ɔhyɛ nsɛm yi a ɛfa Yeremia ho sɛ, 12“Fa no na hwɛ ne so; nha no na deɛ ɔbisa biara no, yɛ ma no.” 13Enti, ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ no ano, Nebusaradan, adwumayɛfoɔ panin, Nergal-Sareser a ɔyɛ otitire ne Babiloniahene adwumayɛfoɔ a wɔaka no nyinaa 14soma ma wɔkɔfaa Yeremia firi awɛmfoɔ adihɔ hɔ baeɛ. Wɔde no hyɛɛ Safan babarima Gedalia babarima Ahikam nsa sɛ ɔmfa no nkɔ ne efie. Enti, Yeremia tenaa nʼankasa nkurɔfoɔ mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.