Yeremia 32:27
Jeremiah 32:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa?
Jeremiah 32:27 in English
Jeremiah 32:27 · Berean Standard Bible
“Behold, I am the LORD, the God of all flesh. Is anything too difficult for Me?
Context
25Na ɛwom sɛ wɔde kuropɔn no bɛhyɛ Babiloniafoɔ nsa deɛ, nanso wo, Ao, Otumfoɔ Awurade, ka kyerɛ me sɛ, ‘Fa dwetɛ tɔ asase na ma adansefoɔ mmra ɛho nhyehyɛeɛ no mu.’ ” 26Ɛna Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 27“Mene Awurade adasamma nyinaa Onyankopɔn. Na biribi yɛ den dodo ma me anaa? 28Enti, deɛ Awurade seɛ nie: Mede kuropɔn yi rebɛhyɛ Babiloniafoɔ ne Babiloniahene Nebukadnessar nsa, na wɔafa. 29Babiloniafoɔ a wɔreto ahyɛ saa kuropɔn yi so no bɛba mu, na wɔato mu ogya; wɔbɛhye no dworobɛɛ, ɛno ne afie a nnipa hyee nnuhwam wɔ atifi maa Baal na wɔhwiee afɔrebɔ nsã maa anyame foforɔ de hyɛɛ me abufuo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.