Native Bible

Jeremiah 32:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso,

Jeremiah 32:11 in English

Jeremiah 32:11 · Berean Standard Bible

Then I took the deed of purchase—the sealed copy with its terms and conditions, as well as the open copy—

Context

9Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano* wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. 11Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk* a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim. 13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.