Yeremia 32:10
Jeremiah 32:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano* wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no.
Jeremiah 32:10 in English
Jeremiah 32:10 · Berean Standard Bible
I signed and sealed the deed, called in witnesses, and weighed out the silver on the scales.
Context
8“Na sɛdeɛ Awurade aka no me wɔfa ba Hanamel baa me nkyɛn wɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ bɛkaa sɛ, ‘Tɔ mʼasase a ɛwɔ Anatot wɔ Benyamin mantam mu no. Esiane sɛ wowɔ ho ɛkwan sɛ wogyeɛ na wofa no enti, tɔ na fa.’
“Mehunuu sɛ yei yɛ Awurade asɛm.” 9Enti, metɔɔ asase a na ɛwɔ Anatot no firii me wɔfa ba Hanamel nkyɛn na metuaa dwetɛ gram ɔha ne aduɔkron ɛnan (194) maa no. 10Mede me nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase, sɔɔ ano* wɔ adansefoɔ anim, na mede nsania karii dwetɛ mpɔ no. 11Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk* a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.