Yeremia 32:13
Jeremiah 32:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ,
Jeremiah 32:13 in English
Jeremiah 32:13 · Berean Standard Bible
In their sight I instructed Baruch,
Context
11Na mefaa adetɔ nwoma no, deɛ wɔasɔ ano a ɛho nhyehyɛeɛ wɔ mu no, ne deɛ wɔnsɔɔ ano no nso, 12na mede saa adetɔ nwoma no maa Neria babarima Baruk* a, ɔyɛ Maaseia nana no wɔ me wɔfa ba Hanamel, adansefoɔ a wɔde wɔn nsa hyɛɛ adetɔ nwoma no ase ne Yudafoɔ a na wɔwɔ awɛmfoɔ adihɔ hɔ no nyinaa anim. 13“Meka kyerɛɛ Baruk wɔ wɔn nyinaa anim sɛ, 14‘Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie, Fa saa adetɔ so nwoma yi, deɛ wɔasɔ ano ne deɛ wɔnnsɔɔ ano, na fa gu dɔteɛ asuhina mu, sɛdeɛ ɛbɛkyɛre yie.* 15Deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, no seɛ nie: Wɔbɛtotɔ afie, mfuo ne bobe nturo wɔ asase yi so bio.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.