Native Bible

Jeremiah 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion.

Jeremiah 3:14 in English

Jeremiah 3:14 · Berean Standard Bible

“Return, O faithless children,” declares the LORD, “for I am your master, and I will take you—one from a city and two from a family—and bring you to Zion.

Context

12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn: “ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ, ‘Meremmuna nkyerɛ wo bio, ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ, ‘Me bo renfu afebɔɔ. 13Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 14“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. 15Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan. 16Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a,” Awurade na ɔseɛ, “nnipa renka bio sɛ, ‘Awurade yɛn ani agyina apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenka saa bio; na wɔrenyɛ apam adaka foforɔ nso.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.