Yeremia 3:13
Jeremiah 3:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Gye wo afɔdie to mu, woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn, woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame wɔ dua biara a adendan ase, na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Jeremiah 3:13 in English
Jeremiah 3:13 · Berean Standard Bible
Only acknowledge your guilt, that you have rebelled against the LORD your God. You have scattered your favors to foreign gods under every green tree and have not obeyed My voice,’” declares the LORD.
Context
11Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Israel a ɔnni nokorɛ no tene sene Yuda nkontompo ni. 12Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:
“ ‘Sane wʼakyi, Israel a ɔnni nokorɛ,’ Sei na Awurade seɛ,
‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,
ɛfiri sɛ meyɛ mmɔborɔhunufoɔ,’ sei na Awurade seɛ,
‘Me bo renfu afebɔɔ. 13Gye wo afɔdie to mu,
woayɛ dɔm atia Awurade, wo Onyankopɔn,
woakyekyɛ wʼadɔeɛ mu ama ananafoɔ anyame
wɔ dua biara a adendan ase,
na woanyɛ ɔsetie amma me,’ ”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie. 14“Monsane mo akyi, mo akyirisanfoɔ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “ɛfiri sɛ meyɛ mo kunu. Mɛyi wo; ɔbaako bɛfiri kuro mu na mmienu afiri abusuakuo mu, na mede mo aba Sion. 15Afei mɛma mo nnwanhwɛfoɔ a wɔda mʼakoma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne nteaseɛ bɛkyerɛ mo ɛkwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.