Yeremia 20:15
Jeremiah 20:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ, deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ, “Wɔawo ɔbabarima ama wo!”
Jeremiah 20:15 in English
Jeremiah 20:15 · Berean Standard Bible
Cursed be the man who brought my father the news, saying, “A son is born to you,” bringing him great joy.
Context
13Monto dwom mma Awurade!
Monyi Awurade ayɛ!
Ɔgye ohiani nkwa firi
amumuyɛfoɔ nsam. 14Nnome nka da a wɔwoo me!
Nhyira mpare ɛda a me maame woo me. 15Nnome nka onipa a ɔbɛbɔɔ mʼagya kaseɛ,
deɛ ɔmaa nʼani gyeeɛ, na ɔkaa sɛ,
“Wɔawo ɔbabarima ama wo!” 16Ma saa onipa no nyɛ sɛ nkuro a
Awurade tuguiɛ a wannya ahummɔborɔ no.
Ma ɔnte osu anɔpa,
ne ɔko owigyinaeɛ. 17Ɛfiri sɛ, wankum me wɔ awotwaa mu
amma me maame anyɛ damena amma me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.