Yeremia 18:9
Jeremiah 18:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ,
Jeremiah 18:9 in English
Jeremiah 18:9 · Berean Standard Bible
And if at another time I announce that I will build up and establish a nation or kingdom,
Context
7Sɛ ɛberɛ biara meka sɛ ɛsɛ sɛ wɔtutu ɔman bi anaa ahennie bi ase, dwerɛ wɔn, sɛe wɔn a, 8na sɛ ɔman a mebɔɔ no kɔkɔ no sakra firi ne bɔne ho a, mɛsesa mʼadwene na meremfa amanehunu a mesusuiɛ sɛ me de bɛba wɔn so mma bio. 9Na sɛ mmerɛ foforɔ bi meka sɛ, ɛsɛ sɛ wɔkyekyere ɔman anaa ahennie bi gye no si hɔ, 10na sɛ ɔyɛ bɔne wɔ mʼani so na wanyɛ ɔsetie amma me a, ɛnneɛ mesane adwene papa a mepɛɛ sɛ meyɛ noɔ no ho. 11“Na afei ka kyerɛ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem sɛ, ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Hwɛ! Mede amanehunu reba mo so, na mereyɛ nhyehyɛeɛ a ɛtia mo. Ɛno enti mo mu biara nnane mfiri nʼakwammɔne so na monsiesie mo akwan ne mo nneyɛɛ.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.