Native Bible

Jeremiah 12:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a mehunu sɛ wobu atɛntenenee. Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho: Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie? Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn?

Jeremiah 12:1 in English

Jeremiah 12:1 · Berean Standard Bible

Righteous are You, O LORD, when I plead before You. Yet about Your judgments I wish to contend with You: Why does the way of the wicked prosper? Why do all the faithless live at ease?

Context

1Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a mehunu sɛ wobu atɛntenenee. Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho: Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie? Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn? 2Woadua wɔn, na wɔagye nhini; wɔnyinyini na wɔso aba. Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara nanso wɔn akoma mmɛn wo. 3Nanso, wonim me, Ao Awurade; wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ. Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn! Yi wɔn si nkyɛn ma okum da!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.