Yeremia 12:2
Jeremiah 12:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woadua wɔn, na wɔagye nhini; wɔnyinyini na wɔso aba. Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara nanso wɔn akoma mmɛn wo.
Jeremiah 12:2 in English
Jeremiah 12:2 · Berean Standard Bible
You planted them, and they have taken root. They have grown and produced fruit. You are ever on their lips, but far from their hearts.*
Context
1Ao Awurade, sɛ mede asɛm to wʼanim ɛberɛ biara a
mehunu sɛ wobu atɛntenenee.
Ɛno enti, mepɛ sɛ mene wo bɛkasa afa wʼatɛntenenee ho:
Adɛn enti na amumuyɛfoɔ ɛkwan si wɔn yie?
Adɛn enti na wɔn a wɔnni gyidie ho dwo wɔn? 2Woadua wɔn, na wɔagye nhini;
wɔnyinyini na wɔso aba.
Wɔbɔ wo din ɛberɛ biara
nanso wɔn akoma mmɛn wo. 3Nanso, wonim me, Ao Awurade;
wohunu me, na wosɔ mʼadwene a mewɔ wɔ wo ho hwɛ.
Twe wɔn kɔ sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn!
Yi wɔn si nkyɛn ma okum da! 4Asase no ntwɛn nkɔsi da bɛn?
Prama so ɛserɛ no mpo adwan.
Esiane sɛ wɔn a wɔte so no yɛ amumuyɛfoɔ enti
mmoa ne nnomaa a wɔwɔ so awuwu.
Na nnipa no da so ka sɛ,
“Ɔrenhunu deɛ ɛba yɛn so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.