Native Bible

Jeremiah 11:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.”

Jeremiah 11:7 in English

Jeremiah 11:7 · Berean Standard Bible

For from the time I brought your fathers out of the land of Egypt until today, I strongly warned them again and again,* saying, ‘Obey My voice.’

Context

5Na afei mɛma ntam a mekaa mo agyanom sɛ, mema wɔn asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no aba mu,’ asase mote so ɛnnɛ yi.” Mebuaa sɛ, “Amen, Awurade.” 6Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Bɔ saa asɛm yi ho dawuro wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so sɛ: ‘Montie apam yi ho nhyehyɛeɛ na monni so. 7Ɛfiri ɛberɛ a, meyii mo agyanom firii Misraim bɛsi ɛnnɛ yi, mebɔɔ wɔn kɔkɔ ɛberɛ biara sɛ, “Monyɛ ɔsetie mma me.” 8Nanso, wɔantie na wɔamfa no asɛm; na mmom, wɔdii asoɔden a ɛfiri wɔn akoma bɔne mu akyi. Ɛno enti memaa nnomea a ɛfiri apam a mahyɛ wɔn sɛ wɔnni so na wɔanni so no mu baa wɔn so.’ ” 9Na afei Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Atuateɛ apam bi wɔ Yudafoɔ ne wɔn a wɔtete Yerusalem ntam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.