Yeremia 1:6
Jeremiah 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.”
Jeremiah 1:6 in English
Jeremiah 1:6 · Berean Standard Bible
“Ah, Lord GOD,” I said, “I surely do not know how to speak, for I am only a child!”
Context
4Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 5“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.” 6Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.” 7Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no. 8Nsuro wɔn, ɛfiri sɛ meka wo ho, na magye wo,” deɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.