Yeremia 1:5
Jeremiah 1:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo; ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn; meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.”
Jeremiah 1:5 in English
Jeremiah 1:5 · Berean Standard Bible
“Before I formed you in the womb I knew you, and before you were born I set you apart and appointed you as a prophet to the nations.”
Context
3Ɛtoaa so wɔ Yuda ɔhene Yosia babarima Yehoiakim ɛberɛ so kɔsii Yuda ɔhene Yosia babarima Sedekia ɛberɛ so a nnipa a wɔte Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ adedie afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛtɔ so enum. 4Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ, 5“Ansa na merebɔ wo wɔ awotwaa mu no, na menim wo;
ansa na wɔrebɛwo wo no, meyii wo sii nkyɛn;
meyɛɛ wo sɛ odiyifoɔ maa aman no.” 6Mekaa sɛ, “Aa, Otumfoɔ Awurade mennim kasa; meyɛ abɔfra.” 7Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Nka sɛ ‘meyɛ abɔfra.’ Ɛsɛ sɛ wokɔ obiara a mɛsoma wo ne nkyɛn na woka asɛm biara a mɛhyɛ wo sɛ ka no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.