Native Bible

Judges 9:55 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu.

Judges 9:55 in English

Judges 9:55 · Berean Standard Bible

And when the Israelites saw that Abimelech was dead, they all went home.

Context

53ɔbaa bi a ɔwɔ abandenden no atifi gyaa ayuyammoɔ mu ma ɛbɛbɔɔ Abimelek moma so na ɛpɛkyɛɛ ne ti kwankoraa. 54Abimelek ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura nʼakodeɛ sɛ, “Twe wʼakofena na kum me! Na nnipa anka sɛ ɔbaabasia na ɔkumm Abimelek!” Enti, aberanteɛ no de nʼakofena wɔɔ no ma ɔwuiɛ. 55Ɛberɛ a Abimelek nkurɔfoɔ hunuu sɛ wawuo no, wɔde wɔn akodeɛ guu hɔ sane kɔɔ wɔn afie mu. 56Saa na Onyankopɔn twee Abimelek aso wɔ bɔne a ɔyɛ de tiaa nʼagya sɛ ɔkumm ne nuammarima aduɔson no. 57Saa ara na Onyankopɔn twee mmarima a wɔwɔ Sekem aso wɔ wɔn bɔne ahodoɔ a wɔyɛeɛ no ho. Ɛno enti, Yerub-Baal babarima Yotam nnome no baa mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.