Atemmufoɔ 9:21
Judges 9:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer.
Judges 9:21 in English
Judges 9:21 · Berean Standard Bible
Then Jotham ran away, escaping to Beer, and he lived there for fear of his brother Abimelech.
Context
19Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu. 20Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!” 21Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer. 22Abimelek dii Israel so mfeɛ mmiɛnsa akyi no, 23Onyankopɔn somaa honhom fi bi maa ɔde ɔhaw baa Abimelek ne Sekem mpanimfoɔ ntam na wɔtee atua.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.