Atemmufoɔ 9:19
Judges 9:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu.
Judges 9:19 in English
Judges 9:19 · Berean Standard Bible
if you have acted faithfully and honestly toward Jerubbaal and his house this day, then may you rejoice in Abimelech, and he in you.
Context
17Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. 18Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti. 19Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu. 20Sɛ deɛ moayɛ no mfa ne kwan mu deɛ a, ɛnneɛ ogya mfiri Abimelek nkyɛn mmɛhye mo, Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ. Na ogya nso mfiri Sekemfoɔ ne Bet-Milofoɔ nkyɛn mmɛhye Abimelek!” 21Na ɛsiane Abimelek ho suro enti, ne nuabarima Yotam dwane kɔtenaa Beer.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.