Native Bible

Judges 9:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no.

Judges 9:17 in English

Judges 9:17 · Berean Standard Bible

for my father fought for you and risked his life to deliver you from the hand of Midian,

Context

15“Na nkasɛɛ buaa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ mo adwene kann sɛ mode me bɛsi mo so ɔhene a, mommra mmɛhyɛ me nwunu yi ase. Sɛ ɛnte saa a, momma ogya mfiri nkasɛɛ mu mmɛhye Lebanon ntweneduro nyinaa.’ 16“Afei mogye di sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam, na ɛnam ne kwan mu sɛ mode Abimelek asi mo so ɔhene, na moayɛ Yerub-Baal ne nʼasefoɔ nyinaa apɛdeɛ. Moayɛ deɛ ɛfata ama mʼagya anaa? 17Na ɔko maa mo de ne ho bɔɔ afɔdeɛ ɛberɛ a ɔgyee mo firii Midianfoɔ nsam no. 18Na ɛnnɛ moasɔre atia mʼagya ne nʼasefoɔ, akunkum ne mmammarima aduɔson wɔ ɛboɔ baako so. Mode Abimelek a ɔyɛ ne ɔsomfoɔ baa babarima asi Sekem manfoɔ so ɔhene, sɛ ɔyɛ mo busuani enti. 19Sɛ moayɛ deɛ ɛho wɔ nyam na ɛnam ne kwan mu ama Yerub-Baal ne nʼasefoɔ a, ɛnneɛ mobɛnya ahosɛpɛ wɔ Abimelek mu na ɔno nso anya ahosɛpɛ wɔ mo mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.