Native Bible

Judges 6:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no,

Judges 6:7 in English

Judges 6:7 · Berean Standard Bible

Now when the Israelites cried out to the LORD because of Midian,

Context

5Saa atamfoɔ dɔm yi de wɔn nyɛmmoa ne wɔn ntomadan foro ba te sɛ ntutummɛ. Wɔtete nyoma a wɔntumi nkane wɔn dodoɔ so na wɔba. Na wɔtena asase no so kɔsi ɛso nneɛma nyinaa bɛsa. 6Enti Midianfoɔ no maa ɛkɔm baa Israel. Afei Israelfoɔ no su frɛɛ Awurade pɛɛ mmoa. 7Ɛberɛ a Midianfoɔ enti, Israelfoɔ su frɛɛ Awurade no, 8Awurade somaa odiyifoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn. Ɔkaa sɛ, “Asɛm a Awurade, Israel Onyankopɔn, ka nie: Meyii mo firii Misraim nkoasom mu 9Meyii mo firii Misraim tumi ne wɔn a wɔhyɛ mo so nyinaa ase. Mepamoo mo atamfoɔ de wɔn asase maa mo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.