Native Bible

Judges 17:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako.

Judges 17:11 in English

Judges 17:11 · Berean Standard Bible

and agreed to stay with him, and the young man became like a son to Micah.

Context

9Mika bisaa no sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Ɔno nso buaa sɛ, “Meyɛ Lewini a mefiri Betlehem wɔ Yuda na merepɛ baabi matena.” 10Mika ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan (114) afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane.” 11Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako. 12Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie. 13Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.