Atemmufoɔ 17:12
Judges 17:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie.
Judges 17:12 in English
Judges 17:12 · Berean Standard Bible
Micah ordained the Levite, and the young man became his priest and lived in his house.
Context
10Mika ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo ne me ntena ha, na wobɛyɛ agya ne ɔsɔfoɔ ama me. Mɛma wo nnwetɛbena gram ɔha ne dunan (114) afe biara; mɛma wo ntadeɛ ne aduane.” 11Lewini no penee so na ɔbɛyɛɛ sɛ Mika mmammarima no mu baako. 12Enti, Mika hyɛɛ Lewini no ɔsɔfoɔ, na ɔtenaa Mika fie. 13Na Mika kaa sɛ, “Menim sɛ Awurade bɛhyira me, ɛfiri sɛ, mewɔ Lewini a ɔresom sɛ me ɔsɔfoɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.