Atemmufoɔ 13:4
Judges 13:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ.
Judges 13:4 in English
Judges 13:4 · Berean Standard Bible
Now please be careful not to drink wine or strong drink, and not to eat anything unclean.
Context
2Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. 3Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. 4Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. 5Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.” 6Ɔbaa no de mmirika kɔɔ ne kunu nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Onyankopɔn onipa bi yii ne ho adi kyerɛɛ me. Na ɔte sɛ Onyankopɔn abɔfoɔ no mu baako a ne ho yɛ hu yie. Mammisa no baabi a ɔfiri baeɛ, na ɔno nso ammɔ ne din ankyerɛ me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.