Atemmufoɔ 13:3
Judges 13:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima.
Judges 13:3 in English
Judges 13:3 · Berean Standard Bible
The angel * of the LORD appeared to the woman and said to her, “It is true that you are barren and have no children; but you will conceive and give birth to a son.
Context
1Bio, Israelfoɔ no yɛɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Awurade ani so, enti Awurade de wɔn hyɛɛ Filistifoɔ nsam ma wɔhyɛɛ wɔn so mfeɛ aduanan. 2Saa ɛberɛ no, ɔbarima bi tenaa Sora a ne din de Manoa a ɔfiri Dan abusuakuo mu. Na ne yere nnya awoɔ, enti na wɔnni mma. 3Awurade ɔbɔfoɔ yii ne ho kyerɛɛ Manoa yere kaa sɛ, “Ɛwom sɛ wonnyaa awoɔ deɛ, nanso, ɛrenkyɛre worebɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima. 4Ɛnsɛ sɛ wonom bobesa anaa nsã a ano yɛ den biara. Na nni biribiara nso a ɛyɛ akyiwadeɛ. 5Wobɛnyinsɛn na woawo ɔbabarima, na hwɛ sɛ oyiwan nka ne tire, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Nasareni a wɔayi no asi hɔ ama Onyankopɔn firi awoɔ mu. Ɔbɛgye Israel afiri Filistifoɔ nsam.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.