Atemmufoɔ 1:14
Judges 1:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
Judges 1:14 in English
Judges 1:14 · Berean Standard Bible
One day Acsah came to Othniel and urged him * to ask her father for a field. When she got off her donkey, Caleb asked her, “What do you desire?”
Context
12Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 13Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 14Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?” 15Ɔbuaa sɛ, “Ma me nhyira bio. Woadom me ama me asase wɔ Negeb, na mesrɛ wo ma me asase a nsuo wɔ so.” Enti, Kaleb maa no atifi ne anafoɔ fam nsuwansuwa asase. 16Ɛberɛ a Yuda abusuakuo firii Yeriko no, Kenifoɔ a wɔyɛ Mose ase barima asefoɔ ne wɔn kɔɔ Yuda ɛserɛ no so. Wɔtenaa nnipa a wɔwɔ hɔ no mu wɔ beaeɛ bi a ɛbɛn Arad a ɛwɔ Negeb.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.