Atemmufoɔ 1:12
Judges 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.”
Judges 1:12 in English
Judges 1:12 · Berean Standard Bible
And Caleb said, “To the man who strikes down Kiriath-sepher and captures it, I will give my daughter Acsah in marriage.”
Context
10Yuda bɔ wuraa Kanaanfoɔ a na wɔte Hebron a kane no na wɔfrɛ hɔ Kiriat-Arba no mu, dii Sesai, Ahiman ne Talmai so. 11Wɔfiri hɔ kɔtoaa nnipa a wɔte Debir a kane no na wɔfrɛ hɔ (Kiriat-Sefer no). 12Na Kaleb kaa sɛ, “Obiara a ɔbɛto ahyɛ Kiriat-Sefer so na wafa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.” 13Ɛnna Kaleb nua kumaa Kenas babarima Otniel kɔfaeɛ. Enti, Aksa bɛyɛɛ Otniel yere. 14Aksa waree Otniel no, ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa nʼagya Kaleb na ɔmma wɔn asase nka deɛ wɔwɔ no ho. Ɔfiri nʼafunumu so sii fam ara pɛ, Kaleb bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn? Ɛdeɛn na menyɛ mma wo?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.