Yesaia 9:2
Isaiah 9:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa a wɔnam sum mu ahunu hann kɛseɛ; wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no, hann bi apue wɔn so.
Isaiah 9:2 in English
Isaiah 9:2 · Berean Standard Bible
The people walking in darkness have seen a great light; on those living in the land of the shadow of death, a light has dawned.*
Context
1Nanso, wɔn a na wɔwɔ ahohiahia mu no, wɔrenni awerɛhoɔ bio. Kane no ɔbrɛɛ Sebulon ne Naftali nsase no ase, nanso daakye bi ɔbɛhyɛ Galilea a ɛyɛ amanamanmufoɔ ɔman na ne kwan da Yordan ne ɛpo ntam no animuonyam. 2Nnipa a wɔnam sum mu
ahunu hann kɛseɛ;
wɔn a wɔte asase a ɛso sum kabii soɔ no,
hann bi apue wɔn so. 3Woatrɛ ɔman no mu;
woama wɔn ani agye mmoroso;
wɔdi ahurisie wɔ wʼanim
sɛdeɛ nnipa di ahurisie otwaberɛ,
sɛdeɛ nnipa ho sɛpɛ wɔn
wɔ ɛberɛ a wɔrekyɛ afodeɛ. 4Sɛdeɛ da a Midian dii nkoguo no,
saa ara na woadwɛre kɔnnua a ɛda wɔn so no;
saa ara na woayi nhyɛsofoɔ poma
a ɛda wɔn mmatire so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.