Yesaia 63:15
Isaiah 63:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Brɛ wʼani ase hwɛ fam firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so. Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he? Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so.
Isaiah 63:15 in English
Isaiah 63:15 · Berean Standard Bible
Look down from heaven and see, from Your holy and glorious habitation. Where are Your zeal and might? Your yearning and compassion for me are restrained.
Context
13deɛ ɔdii wɔn anim faa ebunu mu
sɛdeɛ ɔpɔnkɔ fa asase tamaa so a
wɔasunti. 14Sɛdeɛ anantwie nante kɔ ɛserɛ so kɔhome no,
saa ara na Awurade Honhom ma wɔhomeeɛ.
Sɛdeɛ wokyerɛɛ wo nkurɔfoɔ kwan
de gyee animuonyam abɔdin maa wo ho nie. 15Brɛ wʼani ase hwɛ fam
firi wʼahennwa a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron na ɛho wɔ nyam no so.
Mo mmɔdemmɔ ne mo ahoɔden wɔ he?
Woayi wʼayamhyehyeɛ ne wʼahummɔborɔ afiri yɛn so. 16Nanso wo ara wo ne yɛn Agya
ɛwom sɛ Abraham nnim yɛn
na Israel nso nnye yɛn nto mu deɛ;
nanso wo, Ao Awurade, wo ne yɛn Agya,
ɛfiri tete wo din ne Yɛn Gyefoɔ. 17Adɛn, Ao Awurade, na woma yɛn kwati wʼakwan
na wopirim yɛn akoma enti ɛmma yɛn nni wo ni?
Sane bra ɛsiane wʼasomfoɔ,
mmusuakuo a wɔyɛ wʼagyapadeɛ no enti.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.