Native Bible

Isaiah 61:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.”

Isaiah 61:9 in English

Isaiah 61:9 · Berean Standard Bible

Their descendants will be known among the nations, and their offspring among the peoples. All who see them will acknowledge that they are a people the LORD has blessed.

Context

7Wɔn animguaseɛ anan mu me nkurɔfoɔ bɛnya animuonyam mmɔho, na ahohora anan mu wɔbɛsɛpɛ wɔn ho wɔ wɔn adedie mu; ne saa enti wɔn asase no so kyɛfa bɛyɛ mmɔho, na anigyeɛ a ɛnni awieeɛ bɛyɛ wɔn dea. 8“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee. Mekyiri korɔno ne nnebɔne. Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa. 9Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu. Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.” 10Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho. 11Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue na turo nso ma aba nyini no, saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie apue wɔ amanaman anim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.