Yesaia 61:10
Isaiah 61:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ, me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie. Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me, sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ, ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.
Isaiah 61:10 in English
Isaiah 61:10 · Berean Standard Bible
I will rejoice greatly in the LORD, my soul will exult in my God; for He has clothed me with garments of salvation and wrapped me in a robe of righteousness, as a bridegroom wears a priestly headdress, as a bride adorns herself with her jewels.
Context
8“Na me Awurade, mepɛ atɛntenenee.
Mekyiri korɔno ne nnebɔne.
Me nokorɛ mu, mɛbɔ wɔn aba so
na me ne wɔn ayɛ apam a ɛbɛtena hɔ daa. 9Wɔn asefoɔ bɛgye din wɔ amanaman no mu
ne wɔn mma wɔ nkurɔfoɔ no mu.
Wɔn a wɔhunu wɔn nyinaa bɛgye ato mu sɛ
wɔyɛ nnipa a Awurade ahyira wɔn.” 10Awurade mu na me ho sɛpɛ me mmorosoɔ,
me Onyankopɔn mu na me ɔkra di ahurisie.
Ɛfiri sɛ, ɔde nkwagyeɛ ntoma afira me
na ɔde tenenee atadeɛ yuu awura me,
sɛdeɛ ayeforɔkunu siesie me tiri so sɛ ɔsɔfoɔ,
ne sɛdeɛ ayɛforɔ de nnwinneɛ hyehyɛ ne ho. 11Na sɛdeɛ asase ma afifideɛ pue
na turo nso ma aba nyini no,
saa ara na Otumfoɔ Awurade bɛma tenenee ne ayɛyie
apue wɔ amanaman anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.