Native Bible

Isaiah 6:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan.

Isaiah 6:12 in English

Isaiah 6:12 · Berean Standard Bible

until the LORD has driven men far away and the land is utterly forsaken.

Context

10Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.” 11Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?” Na ɔbuaa sɛ, “Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon a nnipa ntete soɔ, ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo na mfuo no asɛe ayɛ pasaa, 12ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri na asase no ada mpan. 13Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a, wɔbɛsɛe no bio. Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no, saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.