Yesaia 6:10
Isaiah 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
Isaiah 6:10 in English
Isaiah 6:10 · Berean Standard Bible
Make the hearts of this people calloused; deafen their ears and close their eyes. Otherwise they might see with their eyes, hear with their ears, understand with their hearts, and turn and be healed.*”
Context
8Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”
Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!” 9Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ,
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’ 10Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;
moasi mo aso,
akatakata mo ani.
Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ,
na mo akoma ate asɛm ase,
na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.” 11Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?”
Na ɔbuaa sɛ,
“Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon
a nnipa ntete soɔ,
ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo
na mfuo no asɛe ayɛ pasaa, 12ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri
na asase no ada mpan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.