Yesaia 56:6
Isaiah 56:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden;
Isaiah 56:6 in English
Isaiah 56:6 · Berean Standard Bible
And the foreigners who join themselves to the LORD to minister to Him, to love the name of the LORD, and to be His servants— all who keep the Sabbath without profaning it and who hold fast to My covenant—
Context
4Sei na Awurade seɛ,
“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,
wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani
na wɔkura mʼapam mu denden, 5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,
nkaedeɛ ne edin a
ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;
mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,
edin a ɛrentwam. 6Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade
sɛ wɔbɛsom no,
sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,
na wɔasɔre no,
wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,
na wɔkura mʼapam mu denden; 7yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so
na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.
Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,
mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;
na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a
aman nyinaa bɔ mpaeɛ.” 8Otumfoɔ Awurade,
deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:
“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho
aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.